Kishore Kumar Hits

Hannah Marfo - Eye Nyame lyrics

Artist: Hannah Marfo

album: Eye Onyame


Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame (na 'ayɛ me sei o)
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame, (ɛyɛ Nyame, na 'ayɛ me sei o)
Abrabɔ a na agye agu yi
Mesɔ biribi biara mu a na ɛnyɛ yie yi
Ɛyɛ Nyame, na 'ayi me afiri mu o
Osu a na meresu yi
M'awerɛhoɔ bebrebe a na meredi eh
Ɛyɛ Nyame, na 'ayi me afiri mu o

Onyame bɔ pitiri yɛ adeɛ
Ɔyɛ N'adeɛ a, Ɔyɛ no ne mmerɛ mu o
Ahokyerɛ a mekɔɔ mu yi
Ɛnyɛ Yesu a, nka mawu o, hwɛ
Ɔno na Wagye me asi yie o
Ahwɛ me so na Wama me asetena pa ah
Ɛyɛ Nyame, na ayɛ me sei o
Onyame bɔ pitiri yɛ adeɛ
Ɔyɛ N'adeɛ a, Ɔyɛ no ne mmerɛ mu o
Ahokyerɛ a mekɔɔ mu yi
Ɛnyɛ Yesu a, nka mawu dadaada
Ɔno na Wagye me asi yie o
Ahwɛ me so na Wama me asetena pa ah
Ɛyɛ Nyame, na ayɛ me sei o
Eh-yeah, eh-yeah
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame (na 'ayɛ me sei o)
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame ah, (ɛyɛ Nyame, na 'ayɛ me sei o)
Abrabɔ a na agye agu yi
Mesɔ biribi biara mu a, na ayɛ basaa yi
Ɛyɛ Nyame, na 'ayi me afiri mu o
Osu a na meresu yi
M'awerɛhoɔ bebrebe a na meredi ei
Ɛyɛ Nyame, na 'ayi me afiri mu o

Wahwie ne nhyira nsuo agu me tiri m', ah
Ɔde me ato asomdwoeɛ m'
Wayi me afiri dɔte pɔtɔɔ no m'
Ɔde me asi ɔbotan so o
Ɔno na Wagye me asi yie o
Wahwɛ me so na Wama me asetena pa a
Ɛyɛ Nyame, na 'ayɛ me sei o
Wahwie ne nhyira nsuo agu me tiri m', mm
Ɔde me ato asomdwoeɛ m'
Wayi me afiri dɔte pɔtɔɔ no m'
Ɔde me asi ɔbotan so o, ah
Ɔno na Wagye me asi yie o
Wahwɛ me so na Wama me asetena pa a
Ɛyɛ Nyame, na 'ayɛ me sei o
Eh-yeah, eh-yeah
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame, (ɛyɛ Nyame, na 'ayɛ me sei o)
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame ah, (ɛyɛ Nyame na 'ayɛ me sei o)
Abrabɔ a na agye agu yi
Mesɔ biribi biara mu a na ɛnyɛ yie yi
Ɛyɛ Nyame, na 'agye me asi yie o
Osu a na meresu yi
M'awerɛhoɔ bebrebe a na meredi ei
Ɛyɛ Nyame, na 'ayi me afiri mu o
Ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame, ɛyɛ Nyame
Ɛyɛ Nyame, (ɛyɛ Nyame na 'ayɛ me sei o)
Eh-yeah

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists