Kishore Kumar Hits

Hannah Marfo - Akristofoo Adooso lyrics

Artist: Hannah Marfo

album: Akristofoo Adooso


Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso
Nnipa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso
Obibiara pre hwehwɛ Onyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa
Mmɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanin nyinaa
Mpanin nyinaa resom Nyame
Mmabaawa nyinaa
Mmabaawa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa
Mmɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanin nyinaa
Mpanin nyinaa resom Nyame
Mmabaawa nyinaa
Mmabaawa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

Ɛyɛ m'anigye sɛ ɔse me sɛ
Hannah bra na yɛnkɔ Onyame fie
Onyame mete ne nka akyɛ
Mete Ne din na meyɛ abɔfra
Nnipa nyinaa bɔ Ne din kasa
Nkɔmmɔ biara nni hɔ a Ne din nni mu
Ebi se Nyame yɛ ɔdɔ
Ebi se Nyame yɛ Ɔbatanpa
Ebi se Nyame adi wɔn asɛm ama wɔn
Ebi se Nyame yɛ Okokroko
Ebi se Nyame yɛ Ɔsahene
Ebi se Nyame yɛ Odimafo
Ebi se Ɔnpɛ ntɛm mmu atɛn
Ebi se Nyame yɛ mmɔbrɔhunufoɔ
Ebi se Nyame yɛ Ɔnwanwani
Ebi se Nyame yɛ Ɔdomankoma
Ebi se Ɔkasa a obi nka bi
Tetekwaframoa Nyame no no
Ebi se Nyame yɛ prɛkɛsɛ gyamaadu
Ɔfiti kurotia a Ne ho bɔn afie mu
Ebi se Nyame yɛ Ɔdomfo
Ebi se Nyame yɛ Ɔmmɔbrɔhunufoɔ
Ebi se Nyame yɛ Patako
Patako agye ko abɔ Ne bo
Ɔkofoɔ gyefo Nyame
Tete kɔtwere Nyame
Aww yɛn Nyankopɔn
Yɛnyae Wo din bɔ da biara da

Akɔmfoɔ adaada yɛn
Adunsinfoɔ adaada yɛn kwa
Ɛnnɛ deɛ yɛda Nyame ase
Sɛ W'ama y'ahu wɔn to
Ɛnnɛ deɛ nkanyan asi
Obi biara bɔ ne ho mmɔden
Obiara yɛ n'afam deɛ
Ɛde aboa Onyame adwuma
Mmerɛ bi atwam no
Nanka ahiafoɔ na som Nyame
Nanka ntetekwa, awiemfoɔ na ɛsom Nyame
Nso ɛnnɛ deɛ ɛnte saa
Obi biara sua Nyame asɛm
Ɛbɔ mpaeɛ oo
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu Nyame yie
Ɛnnɛ lɔyafoɔ resom Nyame
Nɛsefoɔ resom Nyame
Dɔktafoɔ resom Nyame
Gyɛgyefoɔ resom Nyame
Polisifoɔ resom Nyame
Adehyeɛ resom Nyame
Ɛno nti na ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso
Nnipa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Ɛnnɛ akristofoɔ adɔɔso
Obibiara pre hwehwɛ Onyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Mmɔfra nyinaa
Mmɔfra nyinaa resom Nyame
Mpanin nyinaa
Mpanin nyinaa resom Nyame
Mmabaawa nyinaa
Mmabaawa nyinaa resom Nyame
Ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame
Obiaa som Nyame
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame
Obiaa som Nyame
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame
Obiaa som Nyame
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame
Obiaa som Nyame
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame
Nnipa nyinaa resom Nyame
Obiaa som Nyame
Obiara resom Nyame
Obi biara resom Nyame

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists