Kishore Kumar Hits

Kwaisey Pee - Akono Akono lyrics

Artist: Kwaisey Pee

album: Akono Akono


Mmm akono
Yeii a
Ɔde ne bankye abɛbɔ me ngo yi mu
Ama me tirim ayɛ me dɛdɛɛdɛ
Ɔka m'ano dɔkɔdɔkɔ m'ahu sɛ ne dɔ yi bɛyɛ dɛ oo
Nti m'anya no yi, mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa
Me nsa aka ne yi mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa aa eyie
Nipa yi dɔɔso nso me nkoaa na ɔhuu me oo
Nɔn du bɔe a asigyafoɔ asi dwam a
Afei me nkɔ kɔ hwɛ a obi na de ne nsa ato me kɔn mu yi
ɔtwe bɛn me ɛna ɔkaa m'asom sɛm dɛdɛ bi sɛ...
Would you please dance with me.
Na me nso me Kaa no metrim sɛ aso aso yeah
Ɔde ne bankye abɛbɔ me ngo yi mu
Ama me tirim ayɛ me dɛdɛɛdɛ
Ɔka m'ano dɔkɔdɔkɔ m'ahu sɛ ne dɔ yi bɛyɛ dɛ oo
Nti m'anya no yi, mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa
Me nsa aka ne yi mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa aa eyie
Hwɛ ɔbaa bi ne n'abasa ne honam sronsron sɛ
Segre a wei deɛ ɔbaa mu ɔbaa paa nie.
Ɔde ne ntoma abɛ bɔ medeɛ ano ama mekɔ a ɛnkɔ ooo
Wei deɛ m'afa no la la la
Ɔde ne ntoma abɛ bɔ me deɛ ano
Ama me tirim ayɛ me dɛdɛɛdɛ
Ɔka m'ano dɔkɔdɔkɔ m'ahu sɛ ne dɔ yi bɛyɛ dɛ oo
Nti m'anya no yi, mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa
Me nsa aka ne yi mennyɛ dɛn ni mennyɛ dɛn koraa aa eyie.
Yeah (sweet love)
Yeah (sweet sweet love)
Yeah (sweet love)
Woow
Nyame akyɛ me adeɛ ooo
M'akoma so adeɛ paa nie
Ahenfo kyiniiɛ sɛɛ na ɛbi didi bi akyi
Akono yi a ɔhene Solomon de too dwom yi bi ni
Akono akono
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ (sɛ ɛwoɔ)
Akono akono
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan(saa na ɛteɛ)
Akono akono ee
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ(sɛ ɛwoɔ)
Akono akono
Me Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ (yeah)
Akono akono ee
Me Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ (ohh)
Akono akono eee
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ (sɛ ɛwoɔ)
Akono akono (me nsa aka ne dɔ yi)
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan (chakachaka)
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ sɛ ɛwoɔ
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ sɛ ɛwoɔ
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ
Mɛyɛ ama no ahye amanfoɔ
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan tantaatan
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ dɛdɛɛdɛ
Medɔ dɔ yi deɛ ɛbɛyɛ tantaatan tantaatan
Medɔ mu ɛden oo Ah

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists