Kishore Kumar Hits

Kofi B - Bantama Kwasi Boakye lyrics

Artist: Kofi B

album: Bantama Kwasi Boakye


Yɛretutu yɛn nan nyinaa
Wonwene kɛnsɛn a
N'anim ara na ɛkorɔ o
Sɛ wowɔ cedi apem
Woyi so kaprɛba a
Yɛmfrɛ no apem biom, mmm
Susu biribi o, susu biribi o
Ehia wo a, na ahia amanfoɔ o
Susu biribi o, susu biribi o
Ɛnkyɛ na yareɛ abɔ wo o, mmm
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Barimaɛɛna ei
Wonom nsa a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wohyia mmaa a, to wo bo ase o
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɔm)
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɔm)
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o (Bassey Mix)

Ehiaa 'woɔ' no wohunuuɛ o
Wonyaa sika no nso, wohunuuɛ o, One Man
Ehiaa 'woɔ', wohunuuɛ o, yɛnsa wo
Wonyaa sika no nso, wohunuuɛ o, mmm
Susu biribi o, susu biribi o
Ɛnkyɛ na yareɛ abɔ wo o
Susu biribi o, susu biribi o
Ehia wo a, na ahia amanfoɔ o, mmm
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Barimaɛɛna ei
Wonom nsa a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wohyia mmaa a, to wo bo ase o
Asoo ɔ'dɛ ei, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o

Edua bi nso wɔ wiram
Yɛfrɛ no Akorɔkorɔdwɛ
Na sɛ ɛso a
Ɛso na wiase nnomaa nyinaa, ɛyɛ a wɔdidi o
Na sɛ dua yi so sa paa ara a
Anomaa biara ntwa mu nkɔsi dua no so biom o
Sɛɛ na abrabɔ teɛ
Wotɔ ma yɛdie nti na wose ɛyɛ wo ara yi
Wotɔ ma yɛnom na wose yɛdɔ wo ara, ah
Susu biribi o, susu biribi o
Ehia wo a, na ahia amanfoɔ o
Susu biribi o, susu biribi o
Ɛnkyɛ na yareɛ abɔ wo o, mmm
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri ne dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (na asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Barimaɛɛna ei
Wonom nsa a, to wo bo ase o
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wohyia mmaa a, to wo bo ase o
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Asoo ɔ'dɛ o, na akyiri ne dɛ nti na
Aboa prako nnyae mu mma no
Susu biribi o (na asoo yɛ dɛ, na akyiri yɛ dɛ)
Bantama Kwasi Boakye ei
Akwasi ei
Wonya sika a, to wo bo ase o, ei

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists