Kishore Kumar Hits

Voice Of Pentecost - Twe Me Ben Wo lyrics

Artist: Voice Of Pentecost

album: 2023 Theme Songs


Twe me bɛn Wo, ao m'Awurade
Ka me fam Wo ho
Hwie Wo nnepa ny'naa gu me mu
Na mayɛ sɛ Wo
Wo nko na me kra kɔn dɔ Wo
M'ani agyina Wo
Hyɛ me ne W'ayɔnkofa n' mu den
Na matena Wo Mu
Wo nko na daa mehwehwɛ Wo
Wo som bo ma me
Wo nkutoo ne m'ade nyinaa
Mɛkɔ so adɔ Wo
Menim sɛ Worengyaw me da
Wo ka me ho
Sɛ ɔbra mu yɛ den dɛn ara a
Wo yɛ Ɔnokwafo
Hwɛ me so wɔ akwantu yi mu
Na di m'anim
Boa me na me nni Wakyi yiye
Nkosi awie
Sɛ me duru Wo nkyɛn wɔ ɔsoro hɔ a
M'ani bɛgye
Mene Wo bɛtena afebɔɔ
Wɔ ahomgye mu
Wo bɛma me amo ne abotire
Sɛ akoa nokwafo
Na merenkae me brɛ ne yaw a
Mafam' Wadwuma nti
Ao! dɛw ne ahurusi ndwom nko
Na mɛto ama Wo
Mɛka ɔsorofo dɔm no ho
Na yɛasɔre Wo

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists