Kishore Kumar Hits

Joyful Way Incorporated - Jesu Ei (Jesus!) lyrics

Artist: Joyful Way Incorporated

album: Nyame Ye Ohen


M'Awurade wui
Ɔwui maa me
Na Ɔde ne nkwa atɔ me aboɔden
Mantɔ, mantua, Ɔde ne nyinaa akyɛ me
Yesu wu, de gyee me nkwa
Mantɔ, mantua, 'ɛnkwa' a ɛnni awieɛ
Yesu wui, de gyee me nkwa
M'Awurade wuui
Ɔwui maa me
Na Ɔde ne nkwa, Ɔde atɔ me aboɔden
Mantɔ, mantua, Ɔde ne nyinaa akyɛ me kwa o
Yesu wu de gyee me nkwa
Hwɛ! Mantɔ, mantua, 'ɛnkwa' a ɛnni awieɛ
Yesu wui, de gyee me nkwa
Bɛto sɛ Yesu ei
(Yesu ei) oh, Yesu ei
(Yesu ei) Ye-su ei
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Ɔhene Yesu eh-eh
(Yesu ei) Yesu ei
(Yesu ei) oh
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Ɔbaatanpa Yesu ei
(Yesu ei) merefrɛ Wo, Yesu ei
(Yesu ei) Ye-su ei
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Wobɛwuu animguase wuo yi ah
(Yesu ei) awia wu yayaaya
(Yesu ei) awia wu yayaaya
(Wogyaa W'ahennie) hey (hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)

Wogyaa W'ahennie hɔ, sane baa wiase yi mu
Faa akoa tebea de too Wo ho so
Wode Wo nkwa too hɔ maa me
Yii me firii me bɔne nyinaa mu
Mogya, kronkron bi na manya yi
Adehye mogya, na ɛdi aforosane wɔ me mu
Yesu ei
(Yesu ei) Yesu ei, Yesu ei
(Yesu ei) Yesu ei
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Manya Wo a nka mɛyɛ deɛn o
(Yesu ei) Yesu ei
(Yesu ei) oh
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Awia wu yayaaya
(Yesu ei) awia wu yayaaya eh
(Yesu ei) oh
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Me Dimafo Yesu ei
Yesu ei
(Yesu ei) oh
Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa
Mantɔ, mantua, 'ɛnkwa' a ɛnni awieɛ
Yesu wui, de gyee me nkwa
Mogya, kronkron bi na manya yi
Adehye mogya, na ɛdi aforosane wɔ me mu
Me Yesu ei
(Yesu ei) Yesu ei
Yesu ei
Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa
Yesu ei (Yesu ei)
Ɔhene Yesu eh-eh
(Yesu ei) oh
(Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu de gyee me nkwa)
Yesu ei
(Yesu ei) Paapa Yesu ei
(Yesu ei) Wogyaa hɔ
Wogyaa W'ahennie hɔ, bɛwu-

Поcмотреть все песни артиста

Other albums by the artist

Similar artists